Kyerɛkyerɛ bitcoin mu te sɛ nea madi mfe anum

Nik Custodio na ɔkyerɛwee 2013/12/12open in new window

Sɛ woda so ara ntumi nhu nea bitcoin yɛ a…

Yɛte benkyi bi a ɛwɔ abɔnten so. Ɛyɛ da kɛse.

Mewɔ apɔw baako wɔ me nkyɛn. Me de ma wo.

Afei wo wɔ apɔw baako ɛna menni bi.

Sɛ ano yɛ mmerɛw, ɛnte saa?

Yɛnhwɛ nea esii no yiye:

Wɔde m'apɔw hyɛɛ wo nsam.

Wunim sɛ ɛbaa saa. Na me wɔ hɔ. Na wo wɔ hɔ. Wode wo nsa kaa yɛ.

Na yenhia obi a ɔto so abiɛsa wɔ ha a ɔbɛboa yɛn amane adeɛ nu. Na ɛho nhia sɛ yɛtwe Wɔfa Tommy a ɔyɛ ɔtemmufo a wagye din no ma ɔne yɛn tena benkyi no so na ɔsi so dua sɛ apɔw no fii me nkyɛn kɔɔ wo nkyɛn.

Apɔw no yɛ wo dea! Me ntumi mma wo apɔw foforo efisɛ minni bi a aka. Me nni tumi wo so bio. Apɔw no gyaw m'agyapade koraa. Wowɔ apɔwno so tumi koraa mprenmpren. Wubetumi de ama w'adamfo no sɛ wopɛ a, na afei saa adamfo no betumi de ama n'adamfo. Na nea ɛkeka ho.

Enti saa na ankorankoro nsakrae te. Misusuw sɛ ɛyɛ ade koro ankasa, sɛ ebia merema wo kwadu, nhoma, anaasɛ mɛka sɛ dɔla anan mu baako anaa dɔla bi….

Nanso meredi m'anim.

Yɛn san kɔ apɔw so!

Afei ka sɛ, mewɔ dijitaal apɔw baako. Gye, mɛma wo me dijitaal apɔw.

Ah! Afei na ayɛ anika.

Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ saa dijitaal apɔw a kan no na ɛyɛ me de no, afei ɛyɛ wo dea, na wo nkutoo wo de? Dwen ho sekan baako.

Ɛyɛ den kɛse, ɛnte saa? Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ mansoma saa apɔw no ankɔma Wɔfa Tommy sɛ email attachment kan? Anaa sɛ w'adamfo Joe? Anaa sɛ m'adamfo Lisa nso?

Ebiaa meyɛɛ saa dijitaal apɔw no bi kakra wɔ me kɔmputa no so. Ebiaa mede too intanɛt so na nnipa ɔpepem baako twee.

Sɛnea wuhu no, saa dijitaal nsakrae yi yɛ ɔhaw kakra. Dijitaal apɔw a wode bɛmane no nte sɛ nea wode honam fam apɔw bɛmane.

Kɔmputa ho nyansahufo binom no wɔ din a wɔde frɛ ɔhaw yi ankasa: wɔfrɛ no ɔhaw a ɛfa sika a wɔsɛe no mmɔho abien ho. Nanso mma ɛnhaw wo wɔ ho. Nea ɛsɛ sɛ wuhu ara ne sɛ, ama wɔn adwene atu afra bere tenten bi na wonsiesiee da.

Ɛde besi nnɛ.

Nanso momma yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛn ankasa besusuw ano aduru ho.

Lɛgya

Ebia ɛsɛ sɛ wodi dijitaal apɔw yi akyi wɔ lɛgya mu. Ɛyɛ nhoma titiriw a wodi nnwuma nyinaa akyi — akontaabu nhoma.

Saa lɛgya yi, ɛfiri sɛ ɛyɛ dijitaal, ɛhia sɛ ɛtena n’ankasa wiase na ɛwɔ obi a ɔhwɛ so.

Ka sɛ, te sɛ World of Warcraft no ara pɛ. Blizzard, mmarima a wɔyɛɛ intanɛt so agodie no, wɔ “dijitaal lɛgya” a ɛkyerɛ ogya nkrante a ɛyɛ hyew a wɔntaa nhu a ɛwɔ wɔn nhyehyɛe no mu nyinaa. Enti, cool, obi te sɛ wɔn betumi ahwɛ yɛn dijitaal apɔw no so. Awesome — yɛdii ho dwuma!

Ɔhaw ahorow

Ɔhaw kakra wɔ hɔ:

  1. Na sɛ guy bi wɔ Blizzard bɔɔ pii nso ɛ? Obetumi de dijitaal apɔw kakra bi aka ne kari pɛ ho bere biara a ɔpɛ!

  2. Ɛnte sɛ bere a na yɛte benkyi so saa da bi no pɛpɛɛpɛ. Na ɛyɛ me ne wo nkutoo saa bere no. Sɛ wofa Blizzard mu a, ɛte sɛ nea woretwe Wofa Tommy (obi a ɔto so abiɛsa) afi asɛnnibea(mekaa sɛ ɔyɛ ɔtemmufo deda?) ama yɛn abɔnten benkyi nkitiahodi ahorow nyinaa. Mɛyɛ dɛn atumi de me dijitaal apɔw no ahyɛ wo nsa kɛkɛ, te sɛ, wunim—ɔkwan a wɔtaa fa so no?

So ɔkwan bi wɔ hɔ a yɛbɛfa so ayɛ yɛn park benkyi no ho mfonini kɛse, wo ne me nkutoo, aguadi wɔ dijitaal kwan so? Ɛte sɛ nea ɛyɛ den bi…

Ano aduru no

Na sɛ yɛde saa lɛgya yi — ma obiara nso ɛ? Sɛ anka lɛgya no bɛtena Blizzard kɔmputa so no, ɛbɛtena obiara kɔmputa so. Wɔbɛkyerɛw nnwuma a asi pɛn nyinaa, fi bere nyinaa, wɔ dijitaal apɔw no mu.

Wo ntumi nsisi no. Me ntumi nsoma wo dijitaal apɔw a minni, efisɛ afei anka ɛrenkɔ sinke obiara ɔwɔ nhyehyɛe no mu. Ɛbɛyɛ nhyehyɛe a ɛyɛ den sɛ wobɛboro so. Titiriw sɛ ɛbɛyɛɛ kɛse ankasa a.

Afei nso ɛnyɛ onipa baako na ɔhwɛ so, enti menim sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛtumi asi gyinaeɛ kɛkɛ sɛ ɔbɛma ne ho dijitaal apɔw pii. Na wɔakyerɛkyerɛ nhyehyɛe no mmara mu dedaw wɔ mfiase no. Na mmara ne nhyehyɛe no yɛ nea wɔabue ano. Ɛwɔ hɔ ma nnipa wonim nyansa no sɛ wɔbɛboa, ahwɛ so, abɔ ho ban, atu mpɔn, na wɔahwɛ.

Wubetumi nso de wo ho ahyɛ saa nɛtwɛke yi mu na woayɛ sakra mu wɔ lɛgya na woahwɛ ahu sɛ ne nyinaa hwɛ. Ɔhaw no nti, wubetumi anya te sɛ dijitaal apɔw aduonu anum sɛ akatua. Nokwarem no, ɛno nkutoo ne ɔkwan a wobɛfa so ayɛ dijitaal apɔw pii wɔ nhyehyɛe no mu.

Meyɛɛ nea ɛyɛ mmerɛw kakra

… nanso saa nhyehyɛe a mekyerɛkyerɛɛ mu no wɔ hɔ. Wɔfrɛ no Bitcoin protocol. Na saa dijitaal apɔw no ne “bitcoins” a ɛwɔ nhyehyɛe no mu. Fɛ!

Enti, so wuhuu nea esii? Dɛn na ɔmanfo lɛgya no ma wotumi yɛ adwuma?

  1. Ɛyɛ farebae a wɔabue ano wokae? Wɔkyerɛkyerɛɛ apɔw dodow nyinaa mu wɔ ɔmanfo lɛgya mu wɔ mfiase no. Minim dodow pɔtee a ɛwɔ hɔ. Wɔ nhyehyɛe no mu no, menim sɛ wɔyɛ anohyeto(ɛho yɛ na).

  2. Ɛyɛ farebae a wɔabue ano wokae? Wɔkyerɛkyerɛɛ apɔw dodow nyinaa mu wɔ ɔmanfo lɛgya mu wɔ mfiase no. Minim dodow pɔtee a ɛwɔ hɔ. Wɔ nhyehyɛe no mu no, menim sɛ wɔyɛ anohyeto(ɛho yɛ na).

  3. Esiane sɛ ɛyɛ ɔmanfo lɛgya nti, na enhia Wɔfa Tommy(ɔbarima a ɔto so abiɛsa) sɛ ɔbɛ hwɛ sɛ mansisi, anaasɛ mɛyɛmfonini ahorow a ɛboro so ama me ho, anaasɛ mɛsoma apple mprenu, anaa mprɛnsa...

    Wɔ nhyehyɛe no mu no, mprempren dijitaal apɔw a wɔsesa no te sɛ honam fam apɔw a wɔsesa no ara pɛ. Mprempren eye te sɛ nea wubehu sɛ honam fam apɔw bi afi me nsa mu na akɔhyɛ wo kotoku mu. Na te sɛ nea na ɛte wɔ abɔnten so benkyi so no, na nnipa baanu pɛ na wɔsesa wɔn ho wɔn ho. Me ne wo — na yenhia Wɔfa Tommy wɔ hɔ na ama ayɛ nea ɛfata.

Ɔkwan foforo so no, ɛyɛ n’ade te sɛ honam fam ade.

Nanso wunim nea ɛyɛ dɛ? Ɛda so ara yɛ dijitaal. Seesei yebetumi adi apɔw apem biako, anaa apɔw ɔpepem biako, anaa mpo apɔw .0000001 ho dwuma. Metumi de amena denam bɔtn bi a wobɛbɔ so, na meda so ara tumi de gu wo dijitaal kotoku mu sɛ na mewɔ Nicaragua na wo nso wowɔ New York nyinaa a.

Metumi mpo ama dijitaal nneɛma afoforo atra dijitaal apɔw yi atifi! Ɛyɛ dijitaal wɔ ne nyinaa akyi. Ebia metumi de nsɛm bi abata ho — dijitaal nkyerɛwde. Anaasɛ ebia metumi de nneɛma a ɛho hia kɛse abata ho; te sɛ ka sɛ kɔntraagye, anaa stock adansedi krataa, anaa ID krataa...

Enti eyi y ɛ kɛse! Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛfa saa “dijitaal apɔw” yi ho dwuma anaasɛ yɛbu no sɛ ɛsom bo? Wɔn ho wɔ mfaso koraa ɛnte saa?

Wiɛ, nnipa pii regye akyinnye wɔ ho mprempren. Akyinnyegye wɔ eyi ne saa sikasɛm sukuu no ntam. Wɔ amammuifo ntam. Wɔ nhyehyɛeyɛfo ntam. Nanso, ntie wɔn nyinaa. Nnipa binom yɛ anifere. Wɔde nsɛm a ɛnteɛ ma ebinom. Ebinom ka sɛ nhyehyɛe no bo yɛ den, ebinom ka sɛ nokwarem no ɛsom bo hwee. Guy bi de nɔma a ɛyɛ den too hɔ ankasa: $1,300 wɔ apɔw biara ho. Ebinom se ɛyɛ digital gold, ebinom ka sɛ ɛyɛ sika. Afoforo ka sɛ wɔte sɛ tulips ara kwa. Nnipa binom ka sɛ ɛbɛsesa wiase, ebinom ka sɛ ɛyɛ ade a aba so ara kwa.

Mewɔ m’ankasa m’adwene wɔ ho.

Ɛno yɛ asɛm a ɛfa bere foforo ho nanso. Nanso kid, seesei wunim Bitcoin ho nsɛm pii sen dodow no ara.

Kamfo Akenkan (Wɔayɛ no foforo 2017)

“Wo Nte Bitcoin ase Efisɛ Wosusuw sɛ Sika Yɛ Ankasa”open in new windowMaria Bustillosopen in new window na ɔkyerɛwee yɛ akenkan pa a edi akyi.

Wubetumi nso akenkan pii afa Ethereum ne Smart Contracts ho wɔ haopen in new window. Di dɛ!

Translators
Jeffrey Oa

Supporters
Undisclosed #1